Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Ɔde abɔfra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma ɔsenseneeɛ. Nanso, Yesu teateaa honhommɔne no maa abɔfra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 Na ɔreba no, honhommɔne no him no hwee fam, na esinsen no. Na Yesu teɛteɛɛ honhom fi no, na ɔsaa abofra no yare, na ɔde no maa n’agya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:42
12 Iomraidhean Croise  

Na Elia faa abɔfra no de no siane firii abansoro pia mu baa ɛdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba anya nkwa.


Na ɔfrɛɛ Gehasi sɛ: Frɛ Sunemni no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba no!


Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro.


Na owufoɔ no sɔre tenaa ase, na ɔfirii aseɛ kasae, na ɔde no maa ne na.


Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no.


Na Yesu buaa sɛ: O ɛnnɛ mma a wɔnni gyidie na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mento me bo ase mo ho nkɔduru da bɛn? Fa wo ba no bra ha!


Na Nyankopɔn ahoɔden kɛseɛ yi yɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri. — Na nnoɔma a Yesu yɛeɛ no nyinaa yɛɛ wɔn nwanwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:


Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ.


Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.


Yei nti, ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuo kɛse, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan