Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na nokorɛ mese mo sɛ: Wɔn a wɔgyina ha yi mu binom wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Na nokorɛ mese mo sɛ: Wɔn a wɔgyina ha yi mu binom wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 “Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 “Na mereka akyerɛ mo sɛ, mo a mogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn Ahennie no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Na nokware mise mo sɛ: Wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:27
11 Iomraidhean Croise  

Nokorɛ mese mo sɛ: Nnipa binom gyina ha a wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba n’ahennie mu.


Nokorɛ mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akɔsi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie no mu.


Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.


Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo, gye sɛ wahunu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ no ansa.


Na mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Nyankopɔn ahennie no bɛba.


Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo?


Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.


Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.


Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan