Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 sɛ: Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ apo no, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wanyane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 sɛ: Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ apo no, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wanyane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔtoaa so se, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane pii; Yudafo mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nso bɛpo no. Akyiri no wobekum no, na ne nnansa so wasɔre.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Ɔtoaa so sɛ, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane pii; Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nso bɛpo no. Akyire no, wɔbɛkum no, na ne nnansa so wasɔre.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 se: Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hu amane pii, na mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo apo no, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, wanyan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:22
24 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam.


Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,


sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.


Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre;


Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔde Onipa Ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wɔkum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre.


Nanso ɛtwa sɛ ɔbɛhunu amane pii na nnɛ mma yi po no ansa.


Ɛnsɛ sɛ Kristo no bɛhunu saa amaneɛ no ansa na wakɔ n’animuonyam mu anaa?


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


sɛ: Ɛtwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio.


Momma nsɛm yi nkɔ mo aso mu; na wɔrebɛyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa.


Na wɔsiee no, na ne nnansa soɔ no wɔnyanee no, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Wɔhwehwɛɛ berɛ ko ne berɛ ahodoɔ a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyire animuonyam a ɛbɛba no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan