Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro buaa sɛ: Onyankopɔn Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro buaa sɛ: Onyankopɔn Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Yesu bisaa wɔn se, “Na mo nso muse mene hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo, nea Onyankopɔn asoma no no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose mene hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo, deɛ Onyankopɔn asoma no no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na obisaa wɔn sɛ: Mo de, muse mene hena? Na Petro buae sɛ: Onyankopɔn Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:20
20 Iomraidhean Croise  

sɛ: Modwene Kristo no ho sɛn? Hwan ba ne no? Wɔsee no sɛ: Dawid.


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!


Na sɛ mokyea mo nuanom nko ara a, ɛdeɛn na na moayɛ aboro soɔ? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa?


Nanso ɔmuaa n’ano na wammua bi. Na ɔsɔfo panin no bisaa no bio, na ɔsee no sɛ: Wone Kristo no, Deɛ Wɔahyira no no ba no anaa?


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.


kaa sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mese mo a, morennye nni;


Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ.


Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!


Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, megye medi sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.


Na yeinom na wɔatwerɛ sɛ monnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Nyankopɔn Ba, na mogye di a, moanya nkwa ne din mu.


Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?


na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa.


Ebinom se: Kristo no nie! Na ebinom nso bisaa sɛ: Kristo no bɛfiri Galilea anaa?


Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.


Na wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu asuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: Hwɛ, nsuo ni; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan?


Na Saulo kɔɔ so ara nyaa ahoɔden, na ɔmaa Yudafoɔ a wɔte Damasko no ho yeraa wɔn, na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo no.


Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ ɔwofoɔ no, ɔdɔ deɛ ɔwoo no no nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan