Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na wɔnsa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na wɔnsa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Afei ɔsomaa wɔn se wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm na wɔnsa nyarewa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Afei, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa nyarewa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na wɔnsa yare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:2
14 Iomraidhean Croise  

Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu,


Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


Na wɔbɛka ahennie no ho asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.


sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


Na wɔkɔ kɔkaa asɛm sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.


Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.


Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo.


Na monsa emu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie abɛn mo.


Mmara ne adiyifoɔ no bɛpem Yohane so; na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa, na obiara nam anibereɛ so kɔ mu.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, wɔdii n’akyi; na ɔgyee wɔn kaa wɔn Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na ɔsaa wɔn a ɛhia ayaresa no yadeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan