Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Wobuaa no se, “Ebinom ka se, woyɛ Osuboni Yohane, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforo nso se, woyɛ tete adiyifo no mu baako a wasɔre afi awufo mu aba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom ka sɛ, woyɛ Yohane Osubɔni, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforɔ nso sɛ, woyɛ tete adiyifoɔ no baako a wasɔre afiri awufoɔ mu aba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na wobuae sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforo se: Tete adiyifo no mu bi na wasɔre.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:19
12 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi.


Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so


Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu.


Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.


Na ɛbaa sɛ ɔno nko wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ no, na n’asuafoɔ no ka ne ho; na ɔbisaa wɔn sɛ: Nkurɔfoɔ akuakuo no se: Mene hwan?


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Mo deɛ, mose mene hwan? Na Petro buaa sɛ: Onyankopɔn Kristo no.


Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi.


Na wɔbisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no, anaa Elia anaa odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ asu yi?


Na nkurɔfokuo no tee nsɛm yi no, wɔn mu binom kaa sɛ: Odiyifoɔ no nie ampa!


Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan