Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na ɛbaa sɛ ɔno nko wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ no, na n’asuafoɔ no ka ne ho; na ɔbisaa wɔn sɛ: Nkurɔfoɔ akuakuo no se: Mene hwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na ɛbaa sɛ ɔno nko wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ no, na n’asuafoɔ no ka ne ho; na ɔbisaa wɔn sɛ: Nkurɔfoɔ akuakuo no se: Mene hwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Da bi a Yesu hyɛ kokoa mu baabi rebɔ mpae a nʼasuafo ka ne ho no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛda bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpaeɛ. Yei akyi no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na ɛbae sɛ ne nko wɔ hɔ rebɔ mpae no, na n’asuafo no ka ne ho; na obisaa wɔn sɛ: Nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Mene hena?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:18
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔwiee nkurɔfoɔ akuakuo no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔ so fa baabi mpaebɔ. Na onwunu dwoeɛ no, na aka ɔno nko ara wɔ hɔ.


Ɛnna Yesu ne wɔn duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ ansa.


Na ɛbaa sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ na ɔgyaeeɛ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.


Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ


Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.


Na wɔbuaa sɛ: Yohane suboni, na ebinom se: Elia, na afoforɔ se: Tete adiyifoɔ no mu bi na wasɔreɛ.


Na ɛbaa sɛ nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔ so mpaebɔ.


Na ɔrebɔ mpaeɛ no, n’anim tebea sakyerae, na n’atadeɛ yɛɛ fitaa, na ɛhrann.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan