Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 9:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyia maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛda bi Yesu frɛɛ Dumienu no hyiaeɛ maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde bɛtu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 9:1
15 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔsoro ahennie nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase soɔ no, na wɔakyekyere no soro, na biribiara a wobɛsane no asase soɔ no, na wɔasane no soro.


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.


Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.


Hwɛ, mema mo tumi sɛ montiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no ahoɔden nyinaa so; na biribiara rentumi nyɛ mo hwee.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye me die no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛseɛ asene yeinom, ɛfiri sɛ me deɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.


Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan