Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii, na ɛsoo aba ahodoɔ ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteaa mu sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii, na ɛsoo aba ahodoɔ ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteaa mu sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ebi nso kɔguu asase pa mu, ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa yei no, ɔka kaa ho sɛ, “Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ebi koguu asase pa mu; na efifii, na ɛsow aba ahorow ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteɛɛm sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:8
25 Iomraidhean Croise  

Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.


Aso a ɛteɛ ne aniwa a ɛhunu, AWURADE na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa.


Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteam, na nteaseɛ ma ne nne soɔ?


Montie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na akasa.


Na AWURADE somaa ne nkoa adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn, ɔtuaa nhema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie.


Deɛ ɔwɔ aso no, ma no ntie!


Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔte aseɛ; ɔno na ɔso aba, ebi so ɔha, ebi aduosia, ebi aduasa.


Na yeinom ne wɔn a wɔguu wɔn asase pa mu no: Wɔn a wɔte asɛm no, na wɔgyeɛ, na wɔso aba, ebi aduasa, na ebi aduosia, na ebi ɔha.


Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ma no ntie!


Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii kɔɔ so nyinii na ɛtrɛe na ɛsoe, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.


(Sɛ obi wɔ aso a ɔde bɛtie a, ɔntie!)


Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔto gu. Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Na ebi kɔguu nkasɛɛ mu; na nkasɛɛ no ne no fifirii, na ɛmiaa no.


Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.


na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu.


Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, owuprenu renka no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan