Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:48 - New Revised Asante Twi Bible

48 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo nkwa, kɔ asomdwoeɛ mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

48 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo nkwa, kɔ asomdwoeɛ mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

48 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

48 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ kɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

48 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:48
15 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Na Naaman firii ne nkyɛn kɔɔ kwantiaa bi.


Na Mose sane kɔɔ n’ase Yetro nkyɛn, na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma mensane menkɔ me nuanom a wɔwɔ Misraim no nkyɛn menkɔhwɛ sɛ wɔda so tete ase anaa. Na Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ.


mmɛwa a abuka no, ɔremmu mu, na ntomaban a ɛfiri wisie nso, ɔrennum de akɔsi sɛ ɔde atɛntenenee bɛkɔ nkonimdie mu.


Na Yesu see asraafoɔ ɔha so panin no sɛ: Kɔ, na sɛdeɛ woagye adie no, ɛnyɛ hɔ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu, n’abɔfra no ho sanee no.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.


Na ɔsee no sɛ: Ɔbabaa, wo gyidie agye wo; kɔ asomdwoeɛ mu, wo yadeɛ no nnyae, na wo ho nyɛ wo den.


Na ɔsee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidie agye wo.


Na Yesu see no sɛ: Hunu adeɛ! Wo gyidie agye wo.


Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Wo gyidie agye wo, kɔ asomdwoeɛ mu!


Na ɔbaa no hunuu sɛ ada adi no, ɔde ahopopoɔ ba bɛhwee n’anim, na ɔkaa adekodeɛ a enti ɔkɔkaa no ne sɛdeɛ ne ho sanee no amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim.


Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa,


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmammaa, Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.


Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu, wɔn a wɔteeɛ no mu.


Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan