Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Sane kɔ wo fie, na kɔka ade kɛseɛ a Onyankopɔn ayɛ ama woɔ yi kyerɛ! Na ɔkɔ kɔkaa ade kɛseɛ a Yesu ayɛ ama no no kuro no mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

39 Sane kɔ wo fie, na kɔka ade kɛseɛ a Onyankopɔn ayɛ ama woɔ yi kyerɛ! Na ɔkɔ kɔkaa ade kɛseɛ a Yesu ayɛ ama no no kuro no mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 “Kɔ na kodi nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanse kyerɛ wo manfo.” Ɔbarima no fii hɔ kodii anwonwade a Yesu ayɛ ama no no ho adanse kyerɛɛ kurom hɔfo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 “Kɔ na kɔdi deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanseɛ kyerɛ wo manfoɔ.” Ɔbarima no firii hɔ kɔdii anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no ho adanseɛ kyerɛɛ kurom hɔfoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

39 San kɔ wo fi, na kɔka ade kɛse a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi kyerɛ! Na ɔkɔe kɔkaa ade kɛse a Yesu ayɛ ama no no kurow no mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:39
13 Iomraidhean Croise  

Mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa, mommra mmɛtie, na mɛka deɛ wayɛ ama me.


Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na ɔsii kodoɔ no mu no, deɛ anka honhommɔne wɔ ne soɔ no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn.


Nanso wamma no kwan, na ɔsee no sɛ: Kɔ wo fie, w’abusuafoɔ nkyɛn, na kɔka nnoɔma a Awurade ayɛ ama woɔ ne mmɔborɔ a wahu woɔ no kyerɛ wɔn.


Na ɔbarima no a ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:


Na Yesu sane baeɛ no, nkurɔfokuo no gyee no; ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa retwɛn no.


Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?


Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ.


Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan