Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔbua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na ɔbua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me na ne me nuanom ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me maame ne me nuanom ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na obua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:21
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.


Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewa yi mu baako yi, moanyɛ amma me.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ wɔhu woɔ.


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Yesu see no sɛ: Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.


na mayɛ mo agya, na moayɛ me mmammarima ne mmammaa, Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.


Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ, na monnyɛ atiefoɔ nko ara nnaadaa mo ho.


Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Deɛ ɔyɛ papa no firi Nyankopɔn mu, na deɛ ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan