Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na obi nsɔ kanea mfa adeɛ nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahunu kanea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na obi nsɔ kanea mfa adeɛ nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahunu kanea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutu so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na obi nsɔ kanea mfa ade nkata so, anaasɛ ɔmfa nsi mpa ase; na mmom ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔkɔ mu hɔ ahu kanea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:16
9 Iomraidhean Croise  

Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kokoam anaa kodoɔ ase, na ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔba mu no ahunu ne hran.


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Nsoromma nson a wohunu no me nifa soɔ no ahuntasɛm no, ne sika akaneadua nson no: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, na akaneadua nson a wohunuiɛ no yɛ asafo nson no.


Yeinom ne ngodua mmienu ne akaneadua mmienu a ɛgyinagyina asase wura anim no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan