Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔkwankyɛn deɛ no ne wɔn a wɔteɛ; na ɔbonsam ba bɛyi asɛm no firi wɔn akoma mu, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɔkwankyɛn deɛ no ne wɔn a wɔteɛ; na ɔbonsam ba bɛyi asɛm no firi wɔn akoma mu, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Aba a eguu ɔkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Aba a ɛguu ɛkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔate Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam bɛhwim firi wɔn akoma mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔkwankyɛn de no ne wɔn a wɔte; na ɔbonsam ba beyi asɛm no fi wɔn komam, na wɔannye anni na wɔannye wɔn nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:12
13 Iomraidhean Croise  

Ɛsiane sɛ wɔkyiri nimdeɛ, na wɔampɛ AWURADE suro,


Nya nyansa, nya nhunumu. Mma wo werɛ mmfi, na mmane mfiri m’anomu kasa ho.


Na mo a mogya AWURADE na mo werɛ firi me bepɔ kronkron no na moto pono ma Siadeɛ bosom na mohyɛ afrasa nkuruwa amama ma Hyɛberɛ bosom no,


Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm, na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no.


Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe.


Na yeinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wɔgu asɛm no, sɛ wɔnya te a, ntɛm ara Satan ba, na ɔbɛyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.


Na ɛbɛ no ni: Aba a wɔguo no ne Nyankopɔn asɛm.


Ɔbotan so deɛ no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigyeɛ gyeɛ, nanso yeinom nni nhini, na wɔgye di ma no kyɛre kakra, na sɔhwɛ berɛ ba a, na wɔagyae.


Ogufoɔ bi firii adi kɔguu n’aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn; na wɔtiatiaa so, na ewiem nnomaa bɛsosɔe.


Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan