Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn mmebu mu, “ ‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhu na wɔbɛte, nanso wɔrente ase.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm ama mo, na afoforɔ deɛ, wɔkasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu, “ ‘sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhunu na wɔbɛte, nanso wɔrente aseɛ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na ose: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni mu ahintasɛm no; na wɔn a aka de, wɔde ama wɔn mmebu mu, na wɔahu, na wɔanhu mu, na wɔate, nanso wɔante ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 8:10
24 Iomraidhean Croise  

AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


hwɛ, mɛkɔ so ara na me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu. Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata.


Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;


Na ɔse: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: Teɛ ara na monteɛ, na monnte aseɛ, na hunu ara na monhunu, na monnhunu mu.


Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire, wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm.


Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;


Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebuo mu;


na ehunu deɛ wɔahunu, na wɔanhunu mu, na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ, na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.


Wafira wɔn ani, na wapirim wɔn akoma, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho na mansa wɔn yadeɛ.


Deɛ ɔtumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛdeɛ m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka teɛ, sɛdeɛ ahuntasɛm a akane teteete no wɔanka,


Na yeinom nyinaa Honhom korɔ no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ ɔpɛ.


Nanso ɛde bɛsi nnɛ AWURADE mmaa mo saa akoma a ɛnim adeɛ, ani a ɛhunu adeɛ ne aso a ɛte asɛm.


sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan