Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ngo hwamhwam asra me nan ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

46 Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ngo hwamhwam asra me nan ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 Woamfa ngo amfɔw me tirim; nanso ɔbea yi de aduhuam a ɛsom bo asra mʼanan ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 Woamfa ngo amfɔ me tirim; nanso ɔbaa yi de aduhwam a ɛsom bo asra me nan ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

46 Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbea yi de, ɔde ngo huamhuam asra me nan ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:46
11 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid sɔre firii fam, na ɔdware srae, na ɔsakyeraa n’atadeɛ, na ɔkɔɔ AWURADE fie kɔsɔree. Na ɔbaa ne fie, na ɔbisa maa wɔde aduane bɛsii n’anim, na ɔdiiɛ.


Na Yoab soma maa wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi firi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dane wo ho oyiyɛni, na hyɛ ayiyɛ ntadeɛ, nso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbaa a ɔfiri gyam owufoɔ akyɛreɛ.


Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma.


Woto me pono, m’atamfoɔ anim, wode ngo fɔ me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.


Hyɛ afahyɛ atadeɛ berɛ nyinaa mu; na mma ngo mmpa wo tiri so.


manni aduane a ɛyɛ dɛ, na nam ne nsa anka m’ano, nso mansra koraa kɔsii sɛ nnawɔtwe mmiɛnsa no wiee duro.


Wɔnom nsa nkoraa mu, na wɔde ngohwam sra wɔn ho, na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya.


wo deɛ, wobɛgu na worentwa; wobɛkyi ngodua aba, na worensra ngo no, na wobɛkyi nsamono, nanso worennom nsa no.


Na wo deɛ, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim,


Na yei nti mese wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, ɛfiri sɛ ɔdɔ pii. Na deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.


Na dware na sra hyɛ wo ntadeɛ na siane kɔ aporeeɛ hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kɔsi sɛ ɔbɛwie adidie ne ɔnom ansa;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan