Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Ɔse: Boseabɔni bi wɔ akafoɔ baanu; ɔbaako de no denare ahanum, na ɔbaako de no aduonum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Ɔse: Boseabɔni bi wɔ akafoɔ baanu; ɔbaako de no denare ahanum, na ɔbaako de no aduonum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare ahannum; na ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare aha enum; ɛnna ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Ose: Boseabɔni bi wɔ akafo baanu; obiako de no denare ahanum, na obiako de no aduonum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:41
17 Iomraidhean Croise  

Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɔkobɔfoɔ Israel kra tene sene ɔkɔnkɔnsani Yuda.


Yɛn agya wuu ɛserɛ so, nso ɔno deɛ, na ɔmfra asafo a wɔhyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ; nso na ɔnni mmammarima.


Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denare ɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka!


Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo ara momma wɔn biribi nni. Na wɔsee no sɛ: Yɛnkɔ nkɔtɔ paanoo denare ahanu, na yɛmfa mma wɔnni anaa?


Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, ɛfiri sɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!


Na deɛ ɔnnim na ɔyɛ ahwedeɛ no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii; na deɛ wɔde pii ahyɛ ne nsa no, ɔno na wɔbɛbisa no deɛ ɛboro soɔ.


Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ɛkumm wɔn no, mosusu sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?


Na Yesu bua see no sɛ: Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔse: Kyerɛkyerɛfoɔ, ka!


Na yei nti mese wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, ɛfiri sɛ ɔdɔ pii. Na deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.


ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,


Na mmara no deɛ, ɛbaa sɛ mfomsoɔ no nnɔɔso, na deɛ bɔne adɔɔso no, adom aboro so akyɛne no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan