Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka deɛ moahunu ne deɛ moateɛ nkyerɛ Yohane sɛ: Anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafoɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka deɛ moahunu ne deɛ moateɛ nkyerɛ Yohane sɛ: Anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafoɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Yesu buaa wɔn se. “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yesu buaa wɔn sɛ. “Monkɔka deɛ moahunu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ, mema anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, mesa akwatafoɔ yadeɛ, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka nea moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane sɛ: Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:22
31 Iomraidhean Croise  

Meyɛɛ aniwa maa onifirani, na meyɛɛ ɛnan nso maa apakye;


AWURADE bue anifirafoɔ ani, AWURADE ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina, AWURADE dɔ ateneneefoɔ,


Na mɛgya anifirafoɔ wɔ ɔkwan a wɔnnim mu so, mɛma wɔanante atempɔn a wɔnnim soɔ so. Mɛma sum ayɛ hann wɔ wɔn anim, na deɛ ɛyɛ mmonkyimmɔnka no, mɛyɛ no tamaa. Adeɛ yei na mɛyɛ mama wɔn, na merennya wɔn.


Fa ɔman a wɔyɛ anifirafoɔ nanso wɔwɔ ani no firi bra, ɛne asotifoɔ a wɔwɔ aso no.


Hwɛ, mede wɔn mefiri atifi fam asase so mereba, na makɔboa wɔn ano afiri asase ano tɔnn; wɔn mu anifirafoɔ ne mpakye, apemfoɔ ne mmaatan nyinaa wɔ mu bi; asafo yuu na wɔbɛsane aba.


Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato AWURADE din no so.


Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Na anifirafoɔ ne mpakye baa ne nkyɛn asɔrefie hɔ, na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ, na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,


Na ɛdɔn no ara mu ɔsaa nnipa bebree yadeɛ ne haw ne ahonhommɔne, na pii nso a wɔn ani afira, ɔmaa wɔn hunuu adeɛ.


na nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua.


Na Natanael see no sɛ: Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ!


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛseɛ teaa mu firii adi, na mmubuafoɔ ne mpakye pii ho sanee wɔn.


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan