Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ nʼasɛm yiye yare denneennen a ɔreyɛ awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛberɛ no ara mu na Roma ɔsraani panin bi ɔsomfoɔ a ɔpɛ nʼasɛm yie yare dendeenden a ɔreyɛ awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na asraafo ha so panyin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:2
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura nuanom fie kwan.


Na Rebeka abaawa panin Debora wui, na wɔsiee no Betel aseɛ fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo dua no din Alon-bakut.


Sɛ medii ahuhudeɛ akyi, na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a,


Deɛ ɔkorɔkorɔ n’akoa firi ne mmɔfraase no, akyire yi no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.


Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!


Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee.


Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfoɔ no aso mu no, ɔkɔhyɛnee Kapernaum.


Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yadeɛ.


na ɔwɔ ɔbabaa korɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia dummienu, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekorɔ no, na nkurɔfoɔ akuakuo no kyere ne so.


Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuo a wɔfrɛ no Italia deɛ no mu ɔha so panin.


Na ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔeɛ no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ɔfiri wɔn a wɔsom no daa no mu,


Na ɔha so panin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdeɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani.


Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ: Fa aberanteɛ yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.


Na wɔsii agyinaeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔyii Paulo ne apokyerɛfoɔ bi maa asraafoɔ ha so panin bi a ne din de Yulio, a ɔfiri Augustan asraafoɔ kuo mu.


Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.


Nanso asraafoɔ ɔha so panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nti, wamma wɔanyɛ deɛ wɔsusuiɛ no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adwareɛ mfa wɔn ho ngu po mu kane nsi fam.


Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan