Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔbɛn kuro no pono akyiri no, hwɛ, na wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na babarima korɔ a wɔde no refiri adie. Na ɔbaa no yɛ okunafoɔ; na na kurom hɔfoɔ pii ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Woduu kurotia no, ohuu sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔduruu kurotia no, ɔhunuu sɛ wɔrekɔsie obi. Na owufoɔ no yɛ ɔbaa kunafoɔ bi a ɔwɔ kuro no mu no ba barima korɔ. Na adɔfoɔ bebree di amu no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔbɛn kurow no pon akyi no, hwɛ, wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi, na ɔbea no yɛ okunafo; na kurom hɔfo pii ka ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:12
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.


Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.


Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre atia w’afenaa sɛ: Yi deɛ ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awuo no kra nti yɛnku no. Wɔnam yei so bɛsɛe ɔdedifoɔ no nso, na wɔde rebɛhye m’ase, na wɔannya din anaa okyikafoɔ biara amma me kunu asase so.


Na ɔse: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, atodeɛ biara nni me nsam, gye esiam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu, ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmaboa mmienu bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.


Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!


Na Elia faa abɔfra no de no siane firii abansoro pia mu baa ɛdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba anya nkwa.


Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfoɔ deɛ no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbaa kunafoɔ bi wɔ hɔ sɛ ɔnhwɛ wo.


Na ɔkaa sɛ: Afeda sɛsɛberɛ yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ɔse: Nyɛ saa, me wura, Nyankopɔn nipa, nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.


Na ɔmaa no so de no brɛɛ ne na; na ɔde no tenaa ne srɛ so kɔsii awigyina, na ɔwui.


Deɛ ɔreyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbaa kunafoɔ nya abotɔyam.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafoɔ ne nkurɔfoɔ pii ne no kɔe.


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


na ɔwɔ ɔbabaa korɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia dummienu, na ɔda hɔ rewu. Na ɔrekorɔ no, na nkurɔfoɔ akuakuo no kyere ne so.


Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ɔse: Monnsu! Na ɔnwui, na wada.


na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti.


Na Petro sɔre ne wɔn kɔeɛ. Na ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafoɔ no nyinaa bɛgyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntadeɛ ne ntoma a na Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛeɛ no kyerɛe.


Na ɔtenee ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefoɔ ne akunafoɔ no de no anikan kyerɛɛ wɔn.


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan