Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 6:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɛbaa sɛ homeda foforɔ bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɛbaa sɛ homeda foforɔ bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Homeda foforɔ bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso wɔ hɔ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɛbae sɛ homeda foforo bi nso ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe. Na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa nifa awu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 6:6
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene tee Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔteaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no, Yeroboam tenee ne nsa firii afɔrebukyia no so kaa sɛ: Monkye no. Na ne nsa a ɔtenee no ne soɔ no senee kyerebann, na wantumi antwe amma ne ho.


Odwanhwɛfoɔ hunu a ɔgya nnwankuo no nnue! Afena bɛba ne basa ne n’ani nifa so; ne basa bɛwu, na n’ani nifa afira.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na ɔkyerɛkyerɛɛ hyiadan bi mu homeda.


Na Yesu see mmarakyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaasɛ wɔnsa?


Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.


Na ɔbaa Galilea kuro bi a ɛde Kapernaum mu; na daa homeda ɔkyerɛkyerɛ wɔn.


Na ɛbaa sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburoofuo bi mu, na n’asuafoɔ no pempanee mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee.


Na ɔsee wɔn sɛ: Onipa ba no yɛ homeda so wura.


Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda [retwɛn nsuo no wosoɔ.


Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan