Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 6:47 - New Revised Asante Twi Bible

47 Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔtie me nsɛm, na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo deɛ ɔsɛ no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

47 Obiara a ɔba me nkyɛn na ɔtie me nsɛm, na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo deɛ ɔsɛ no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

47 Merekyerɛ mo sɛnea onipa biara a ɔba me nkyɛn, na otie mʼasɛm di so no te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

47 Merekyerɛ mo sɛdeɛ onipa biara a ɔba me nkyɛn, na ɔtie mʼasɛm di so no teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

47 Obiara a ɔba me nkyɛn na otie me nsɛm na ɔyɛ no, mɛkyerɛ mo nea ɔsɛ no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 6:47
30 Iomraidhean Croise  

Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, montie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam, Dawid adɔeɛyɛdeɛ a ɛsi hɔ pintinn no.


Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ, ɛnne bi firi mununkum no mu kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Montie no!


Na ɔno deɛ, ɔkaa sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


Ɔte sɛ onipa a ɔtoo aban, na ɔtutu maa no dɔeɛ, na ɔtoo fapem ɔbotan soɔ; na nsuo yiriiɛ no, ɛbɔ faa aban no ho, na antumi anwoso no, ɛfiri sɛ wɔtoo no yie.


Ɔbotan so deɛ no ne wɔn a wɔte asɛm no a, wɔde anigyeɛ gyeɛ, nanso yeinom nni nhini, na wɔgye di ma no kyɛre kakra, na sɔhwɛ berɛ ba a, na wɔagyae.


Na ebi kɔguu asase pa mu; na ɛfifirii, na ɛsoo aba ahodoɔ ɔha. Na ɔkaa saa no, ɔteaa mu sɛ: Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!


Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!


na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da.


Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da,


Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da.


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Enti deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.


Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔboɔ a nkwa wɔ mu a nnipa apa no na Onyankopɔn deɛ, wafa no na ne boɔ yɛ den a,


Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yie mu den; na sɛ moyɛ yeinom a, morensunti da.


Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Deɛ ɔyɛ deɛ ɛtene no, ɔtene sɛdeɛ ɔno nso tene.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan