Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 6:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Obiara a ɔsrɛ woɔ no, ma no! Na deɛ ɔgye w’adeɛ no, mmisa no bio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 Obiara a ɔsrɛ woɔ no, ma no! Na deɛ ɔgye w’adeɛ no, mmisa no bio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼade a, mmisa no bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Sɛ obi srɛ wo biribi a, fa ma no. Obi gye wʼadeɛ a, mmisa no bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Obiara a ɔsrɛ wo no, ma no! Na nea ogye w’ade no, mmisa no bio!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 6:30
29 Iomraidhean Croise  

Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho, AWURADE bɛgye no, da bɔne mu.


Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


Obi wɔ hɔ a n’ani bere adeɛ kɔkɔɔkɔ daa nyinaa, na ɔteneneeni deɛ, ɔma na ɔnnodo ho.


Oyamyiefoɔ nya nhyira, na ɔde n’aduane bi ma mmɔborɔni.


Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.


Mede m’akoma mehwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahwɛ ɔbrɛ adwuma a wɔyɛ no asase soɔ no, sɛ awia ne anadwo mpo onipa nnya nna, n’aniwa mu no,


Saa ara na sɛ mo mu biara amfiri n’akomam amfa ne nua mfomsoɔ ankyɛ no a, me soro Agya nso bɛyɛ no.


Na me deɛ, mese mo sɛ, mo ne ɔbɔnefoɔ no nnni asie, na deɛ ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no.


Na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.


Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo.


Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no.


Na Yesu tee saa no, ɔsee no sɛ: Ɛda so ka wo adeɛ baako, kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


Deɛ ɔbɔ w’aso baako mu no, dane baako no nso ma no. Na deɛ ɔfa w’atadeɛ nkatasoɔ no, mfa w’atadeɛ nhyɛaseɛ nso nkame no!


Na sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara!


Momma, na wɔama mo; susukoraa pa a wɔamia soɔ, na wɔawosoɔ, na abu soɔ na wɔde bɛgu mo ntoma mu. Na susukoraa a mode susuo no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo bio.


Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.


Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.


Owifoɔ nnwia adeɛ bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma deɛ ɔdi hia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan