Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 6:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Nhyira ne mo sɛ nnipa kyiri mo, na wɔyi mo firi wɔn mu na, wɔya mo, na wɔto mo din twene sɛ dimmɔne, Onipa Ba no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Nhyira ne mo a me din nti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔyaw mo, na wogu mo din ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔya mo, na wɔgu mo din ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo, na woyi mo fi wɔn mu, na wɔyaw mo, na wɔbɔ mo dimmɔne onipa ba no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 6:22
29 Iomraidhean Croise  

Wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho te sene woɔ no. Yeinom ne me hwene mu wisie, ogya a ɛdɛre daa nyinaa.


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofoɔ ne ahemfo anim na adi adanseɛ akyerɛ wɔn ne amanaman.


Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.


Na wɔtwee no firii bobe turom hɔ kɔkumm no. Enti ɛdeɛn na bobe turo wura no bɛyɛ wɔn?


Na me din nti nnipa nyinaa bɛtane mo.


Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo yi, na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛsere.


Na mpanimfoɔ no mu pii nso gyee no diiɛ; nanso Farisifoɔ no nti wɔanka, na wɔantu wɔn amfiri hyiadan mu;


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atane wɔn, ɛfiri sɛ wɔmfiri wiase, sɛdeɛ me nso memfiri wiase no.


Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ, medi adanseɛ sɛ, ne nnwuma yɛ bɔne.


Wɔbua see no sɛ: Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpamm no firii adi.


Na wɔtiee no bɛduruu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi firi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase!


Yɛahunu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufoɔ a ɔde mansotwe ba Yudafoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.


Na me na mɛkyerɛ no amaneɛ pii a me din nti ɛsɛ sɛ ɔhunu.


Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.


Na sɛ tenenee nti mohunu amane nso a, nhyira ne mo. Na monnsuro wɔn ho hu, na mommma mo akoma nntu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan