Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 6:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu fii bepɔw no so sian baa fam maa nʼakyidifo bebree ne nnipakuw a wofi Yudea, Yerusalem ne mpoano nkurow Tiro ne Sidon mu no betwaa ne ho hyiae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu firii bepɔ no so siane baa fam maa nʼakyidifoɔ bebree ne nnipakuo a wɔfiri Yudea, Yerusalem ne mpoano nkuro Tiro ne Sidon mu no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na ɔne wɔn sianee no, obegyinaa baabi a ɛhɔ yɛ tamaa: Ɔne n’asuafo bebree ne nnipa pii a wofi Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano, a wɔbae sɛ wobetie no, na wasa wɔn yare,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 6:17
14 Iomraidhean Croise  

Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.


Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no mo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka wɔasakyera wɔn adwene ayitoma ne nso mu dada.


Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Na ɔsii fam bɛhunuu nkurɔfoɔ pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ yadeɛ.


Na Yesu firi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fa mu.


Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa ne nkyɛn.


Nanso ne ho asɛm trɛɛ mmom, na nkurɔfoɔ akuakuo pii bɛhyiaa sɛ wɔbɛtie no, na wasa wɔn nyarewa.


Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.


Yakobo ba Yuda ne Yuda Iskariot a ɔdanee yii no maeɛ no.


ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn; na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan