Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 6:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔyii wɔn mu dummienu a ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no bae, na ɔyii wɔn mu dummienu a ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ade kyee no ɔfrɛɛ nʼakyidifo no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔpaw wɔn mu dumien. Saa dumien yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Adeɛ kyeeɛ no, ɔfrɛɛ nʼakyidifoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn na ɔyii wɔn mu dumienu. Saa dumienu yi na ɔfrɛɛ wɔn asomafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na ade kyee no, ɔfrɛɛ n’asuafo no bae, na oyii wɔn mu dumien a ɔfrɛɛ wɔn asomafo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 6:13
20 Iomraidhean Croise  

Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane,


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.


Na asomafoɔ no boaboaa wɔn ano baa Yesu nkyɛn, na wɔbɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛeɛ no nyinaa kyerɛɛ no!


Na ɔfrɛɛ dummienu no baa ne nkyɛn na ɔfitii aseɛ somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi.


Yei nti nso na Nyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


na moadidi na moanom me pono so wɔ m’ahennie mu, na moatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakobo ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo,


Enti n’asuafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa?


Na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ abansoro dan no mu; ɛhɔ na na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda teɛ.


Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so.


Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafoɔ, ebinom adiyifoɔ, ebinom asɛmpakafoɔ, ebinom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,


Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu


sɛ monkae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafoɔ ahyɛdeɛ a ɛyɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa deɛ no.


Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na kuro no fasuo wɔ afapem dummienu a Adwammaa no asomafoɔ dummienu no din wowɔ soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan