Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 6:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Da bi a Yesu kɔɔ bepɔw bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpae no ɔbɔɔ mpae anadwo mu no nyinaa

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛda bi a Yesu kɔɔ bepɔ bi so sɛ ɔrekɔbɔ mpaeɛ. Ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mu no nyinaa

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɛbae sɛ nna no mu ofii adi kɔɔ bepɔw so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae anadwo mu no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 6:12
23 Iomraidhean Croise  

Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia, na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome.


Me kra ani gyina wo anadwo, aane, me mu honhom nso, mede mefe wo, na sɛ w’atemmuo ka asase a, wiasefoɔ sua tenenee.


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyire atwerɛ no, ɔkɔɔ ne fie, nso na n’abansoro dan mu mpomma a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkɔɔ ne nkotodwe anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔɔ mpaeɛ daa ase, ne Nyankopɔn anim sɛdeɛ na ɔyɛ no kane no ara.


Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa ne nkyɛn.


Na wo deɛ, worebɔ mpaeɛ a, hyɛne wo pia mu, na to wo pono mu na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.


Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.


Na ɔkɔɔ bepɔ so; na ɔfrɛɛ wɔn a ɔno ara pɛ, na wɔbaa ne nkyɛn.


Na ɔmaa wɔkɔeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ so mpaebɔ.


Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ ɛserɛ so kɔbɔɔ mpaeɛ.


Na wɔn deɛ, abufuo yɛɛ wɔn ma, na wɔtuu adekodeɛ a wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina.


Na ɔne wɔn sianeeɛ no, ɔbɛgyinaa baabi a ɛhɔ da soɔ; ɔne n’asuafoɔ bebree ne nnipa pii a wɔfiri Yudea nyinaa ne Yerusalem ne Tiro ne Sidon mpoano a wɔbaa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yadeɛ,


Na ɛbaa sɛ ɔno nko wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ no, na n’asuafoɔ no ka ne ho; na ɔbisaa wɔn sɛ: Nkurɔfoɔ akuakuo no se: Mene hwan?


Na ɛbaa sɛ nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo, na ɔne wɔn kɔɔ bepɔ so mpaebɔ.


Na ɔrebɔ mpaeɛ no, n’anim tebea sakyerae, na n’atadeɛ yɛɛ fitaa, na ɛhrann.


Na Yesu kɔɔ bepɔ no so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ.


Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan