Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 5:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔnyamm wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no sɛ wɔmmra mmɛsɔ wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akodoɔ mmienu no mama ma anka ɛreyɛ amem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔnyamm wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no sɛ wɔmmra mmɛsɔ wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akodoɔ mmienu no mama ma anka ɛreyɛ amem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Ɛnam no yɛɛ akodoɔ mmienu no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na wonyamaa wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow biako no mu no sɛ wɔmmra mmeso wɔn mu; na wɔbae, na wɔhyɛɛ akorow abien no mama ma anka ɛreyɛ amem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 5:7
9 Iomraidhean Croise  

Sɛ wohunu deɛ ɔkyiri woɔ afunumu sɛ ɔhyɛ n’adesoa ase a, hwɛ yie na woannya no amma no, sane na wo ne no nsane no.


Deɛ ɔfa nnamfo pii no de sɛe ɔno ara ne ho, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sene onua.


Na wɔgyaa nkurɔfokuo no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho kodoɔ no mu sɛdeɛ ɔteɛ no ara; na akodoɔ bi nso ka ne ho.


Na wɔyɛɛ saa no, wɔbumaa mpataa pii; a na wɔn asau no retete.


Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.


Na ɔfiri hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo;


Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klemens nso ne me yɔnko adwumayɛfoɔ a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nwoma mu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan