Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 5:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔsee obubuani no sɛ: Mese wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Na deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔsee obubuani no sɛ: Mese wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti.” Mereka akyerɛ wo se, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Na sɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so enti.” Mereka akyerɛ wo sɛ, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ efie!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Na nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 5:24
26 Iomraidhean Croise  

Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Mehunuu anadwo anisoadehunu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba, na ɔduruu deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen no nkyɛn, na wɔmaa no pinkyɛɛ n’anim.


Na Yesu duruu Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: Nnipa se Onipa Ba no ne hwan?


Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase soɔ, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!


Na ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na kwata no firii ne ho kɔeɛ.


Na hwɛ, mmarima bi de onipa bi a ɔda kɛtɛ so a, ɔyare mmubuo bae, na wɔrehwehwɛ kwan de no abɛto n’anim.


Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nante?


Na ɔba bɛkaa funnaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkaa sɛ: Aberanteɛ, mese wo sɛ: Sɔre!


Na ɔsɔɔ ne nsa frɛɛ no sɛ: Abɔfra, nyane!


Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra!


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


na wama no tumi sɛ ɔmmu atɛn nso, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onipa Ba.


enti ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ɔhurihurii, na ɔnanteeɛ.


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Aenea, Yesu Kristo sa wo yadeɛ. Sɔre, na wo ara sɛ wo kɛtɛ! Na ɔsɔree ntɛm ara.


Na Petro pamoo wɔn nyinaa firii adie no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ amu no, na ɔse: Tabita, sɔre! Na ɔtee n’ani, na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase.


na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan