Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 5:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɛbaa sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmara akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ ne so a ɔde sa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na ɛbaa sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmara akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ ne so a ɔde sa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuro ahodoɔ so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa ɛberɛ no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 5:17
20 Iomraidhean Croise  

Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ:


Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.


Na Atwerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ: Ɔwɔ Beelsebul, na ahonhommɔne panin so na ɔnam tutu ahonhommɔne.


Na ntɛm ara Yesu hunuu ne mu sɛ ahoɔden bi afiri ne mu, na ɔdanee ne ho nkurɔfokuo no mu kaa sɛ: Hwan na ɔde ne ho kaa m’atadeɛ?


Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu binom a wɔfiri Yerusalem ba bɛhyiaa ne nkyɛn.


Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi.


Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no, wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ susuu sɛ: Hwan ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi na monom yi?


Na nkurɔfokuo no nyinaa hwehwɛɛ sɛ wɔbɛka no, ɛfiri sɛ ahoɔden firi ne mu ba; na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


na Farisifoɔ ne mmarakyerɛfoɔ no deɛ, wɔpoo Nyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.)


Na Yesu se: Obi aka me, na mahunu sɛ ahoɔden bi afiri me mu kɔ.


Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?


Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ no Nyankopɔn mu.


Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenneɛ a wɔnka,


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Na badwafoɔ no mu baako a ɔyɛ Farisini, a ne din de Gamaliel, a ɔyɛ mmarakyerɛni, a ɔman no nyinaa bu no sɔre hyɛɛ sɛ wɔmfa nnipa no mfiri adi kakra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan