Luka 4:42 - New Revised Asante Twi Bible42 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hwehwɛɛ no, na wɔbɛduruu ne nkyɛn, na wɔsiankaa no sɛ ɔmmfiri wɔn nkyɛn nnkɔ. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron42 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ so baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no hwehwɛɛ no, na wɔbɛduruu ne nkyɛn, na wɔsiankaa no sɛ ɔmmfiri wɔn nkyɛn nnkɔ. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm42 Ade kyee no, Yesu tew ne ho kɔɔ sare so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfo no kyin hwehwɛɛ no na wohuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm42 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu tee ne ho kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfoɔ no kyini hwehwɛɛ no na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON42 Na ade kyee no, ofi kɔɔ sare so baabi. Na nkurɔfo akuwakuw no hwehwɛɛ no, na wobeduu ne nkyɛn, na wosiankaa no sɛ ommfi wɔn nkyɛn nnkɔ. Faic an caibideil |