Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:35 - New Revised Asante Twi Bible

35 Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano, na firi ne mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

35 Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano, na firi ne mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

35 Yesu hyɛɛ honhommɔne no se, “Tu fi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na etu fii ne mu kɔe a hwee anyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

35 Yesu hyɛɛ honhommɔne no sɛ, “Tu firi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na ɛtu firii ne mu kɔeɛ a hwee anyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

35 Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano, na fi no mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfinimfini hɔ fii no mu kɔe, na wanyɛ no hwee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:35
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔbɔnefoɔ deɛ, Onyankopɔn se no sɛ: Adɛn nti na woka m’ahyɛdeɛ, na wode w’ano bɔ m’apam din,


Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu?


Na Yesu teateaa no, na honhommɔne no firi ne mu firii adi, na ɛfiri dɔn no ara mu na abɔfra no yadeɛ no gyaeeɛ.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.


Na honhom fi no maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu, na ɔfirii ne mu kɔeɛ.


Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ: Mua w’ano; yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa.


Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.


Na sɛ deɛ ɔsene no ahoɔden ba ne so na ɔdi ne so nkonim a, ɔgye n’akodeɛ a n’ani da soɔ no, na ɔkyɛ n’asadeɛ mu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bɛbu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yadeɛ! Nnoɔma a yɛate sɛ woyɛɛ no Kapernaum no, yɛ no w’agya kurom ha yi bi!


Na ɔbɛgyinaa n’atifi teateaa ɔfoɛ no, na ɛgyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsomm wɔn.


Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.


Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teateaa mframa ne nsuo no aworɔ no; na ɛgyae yɛɛ dinn.


Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no.


Na ɔreba no, honhommɔne no himm no hwee fam, na ɛsensenee no. Na Yesu teateaa honhom fi no, na ɔsaa abɔfra no yadeɛ, na ɔde no maa n’agya.


Yei nti, ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn, na wafa abufuo kɛse, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan