Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 sɛ: Mmɛha yɛn! Ɛdeɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim nipa ko a woyɛ, wone Onyankopɔn ne kronkronni no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 sɛ: Mmɛha yɛn! Ɛdeɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim nipa ko a woyɛ, wone Onyankopɔn ne kronkronni no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 “Yesu Nasareni, mmɛhaw yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 “Yesu Nasareni, mmɛha yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 sɛ: Mmɛhaw yɛn! Ɛdɛn na yɛne wo Nasareni Yesu wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ko, wone Onyankopɔn kronkronni no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:34
22 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!


Na worennya me kra Asamando, woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.


Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?


Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.


Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahodoɔ pii yadeɛ, na ɔtuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, ɛfiri sɛ na wɔnim no.


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nha me!


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na onipa bi wɔ hyiadan mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne a ɛyɛ honhom fi, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu


Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.


Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!


Na Gerasefoɔ asase a atwa ahyia no so nkurɔfoɔ nyinaa srɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Na ɔsii kodoɔ mu sane kɔe.


Na wɔba bɛpaa wɔn kyɛw maa wɔn dibem, na wɔyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ.


ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando, na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ.


Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,


Wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ baako. Woyɛ no yie; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.


Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan no, kyekyeree no mfirinhyia apem,


Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no, deɛ ɔkura Dawid safoa, na ɔhini a obi nto mu, na ɔto mu, a obi nhini no, seɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan