Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuo hyɛɛ wɔn ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

28 Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuo hyɛɛ wɔn ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkae no, wɔn bo fuwii papaapa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔn bo fuu papaapa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

28 Na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa tee saa no, abufuw hyɛɛ wɔn ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:28
13 Iomraidhean Croise  

Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu.


Ɛnna wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ abannwa mu no mu, na wɔde ntampehoma gyagyaa no too mu. Nso na abura no mu nni nsuo, sɛ atɛkyɛ nko; na Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.


Na Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no agoro ne ho no, ne bo fuu pii; na ɔsoma maa wɔkɔkunkumm mmɔfra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahyeɛ so a wɔadi mfeɛ mmienu ne wɔn a wɔnnya nniiɛ nyinaa, sɛdeɛ berɛ no a ɔbisabisaa anyansafoɔ no kyerɛ.


Na Odiyifoɔ Elisa berɛ so no, na akwatafoɔ pii wɔ Israel deɛ, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi gye Siriani Naaman.


Na wɔsɔre sunsumm no firii kuro no mu hɔ, de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro no da soɔ no ano sɛ wɔrekɔsum no ama ne nkɔnkɔ akɔwɔ hɔ.


Na wɔn deɛ, abufuo yɛɛ wɔn ma, na wɔtuu adekodeɛ a wɔde bɛyɛ Yesu ho agyina.


Na wɔteeɛ no, ɛtwii wɔn na wɔtuu agyina sɛ wɔbɛku wɔn.


Na wɔtee yeinom no, wɔn ani bereeɛ, na wɔtwɛree wɔn se guu ne so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan