Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Na kasa pa ne nsɛm ahorow a ɔkaa no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa ma wobisaa se, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Na kasa pa ne adom nsɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa ma wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na wɔn nyinaa dii no adanse, na adom nsɛm a efi n’anom no yɛɛ wɔn nwonwa, na wobisae sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:22
20 Iomraidhean Croise  

Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ w’anomu ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.


Na fa w’ahensɛm no te mu kɔ w’anim ma nokorɛ ne tenenee a wɔabrɛ no aseɛ, na wo nifa nkyerɛkyerɛ w’adeɛ a ɛyɛ hu.


Ɔteneneeni ano nim adeɛ a ɛsɔ ani, na abɔnefoɔ ano di akontonkyisɛm.


Wɔfrɛ akoma mu nyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ.


Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ nkɛntɛn mu.


Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no.


N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ne ho nyinaa yɛ akɔnɔdeɛ ara nko. Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie, O Yerusalem mmammaa.


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


Na wɔn a wɔtiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuaeɛ yɛɛ wɔn nwanwa.


Na wɔhunuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyera na ahwehwɛ woɔ.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na twerɛsɛm yi aba mu mo aso mu.


Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ: Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no.


na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yɛnim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ɔse: Masiane mafiri soro maba?


Asomfoɔ no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.


nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano.


asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan