Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na ɔbobɔɔ nwoma no de maa ɔsomfoɔ no na ɔtenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na ɔbobɔɔ nwoma no de maa ɔsomfoɔ no na ɔtenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Ɔtoo nhoma no mu de maa ɔhwɛfo no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no komm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Ɔtoo nwoma no mu de maa ɔhwɛfoɔ no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na ɔbobɔw nhoma no de maa ɔsomfo no tenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan mu hɔ nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:20
13 Iomraidhean Croise  

Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforɔ a watwa no abotan mu mu, na ɔpiree ɔboɔ kakraka bi hinii ɛda no ano, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.


Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.


Na wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛɛ nwoma no mu hunuu faako a wɔatwerɛ sɛ:


Na ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ na twerɛsɛm yi aba mu mo aso mu.


Na ɔkɔɔ ɔkodoɔ no baako a ɛyɛ Simon dea mu srɛɛ no sɛ ɔntwe mfiri fam kakra. Na ɔtenaa aseɛ no, ɔfiri kodoɔ no mu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no.


Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.


Na homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asuo bi ho baabi a yɛsusuu sɛ wɔbɔ mpaeɛ hɔ. Na yɛtenaa aseɛ no, yɛkasa kyerɛɛ mmaa a wɔabɛhyia hɔ no.


Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan