Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na ɔwieeɛ no, ɛkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na ɔwieeɛ no, ɛkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɔkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɛkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na owiee no, ɔkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:2
16 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔnantee aduane no ahoɔden mu adaduanan, awia ne anadwo de kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.


Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ mewu a, na mawu.


Na Mose kɔɔ mununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔ no so; na Mose dii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo.


Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔtwerɛɛ apam nsɛm no, nsɛm du no, apono no so.


na ɔmaa wɔpaee mu kaa no Ninewe, ɔhene ne n’atitire asɛm so, kaa sɛ: Nnipa ne afieboa, anantwie ne nnwan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wɔnnkɔdidi, na wɔnnnom nsuo nso.


Na anɔpa a Yesu resane aba kuro no mu no, na ɛkɔm de no.


Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.


Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, hyɛ ɔboɔ yi na ɛnnane paanoo.


Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu.


Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛeɛ nyinaa, sɛ moyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuo no nti.


Na mehwee ase AWURADE anim adaduanan, awia ne anadwo. Mehwee ase, ɛfiri sɛ na AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo.


ɛberɛ a meforoo bepɔ no sɛ merekɔgye aboɔpono, apam a AWURADE ne mo pameeɛ no apono no, medii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;


Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Na adaduanan, na Filistini no firi bɛgyina hɔ anɔpatutu ne anwummerɛ biara de ne ho kyerɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan