Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 4:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ, na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ, na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔafrɛ me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu se, wobenya ahofadi, na anifuraefo ahu ade ama wɔn a wobu wɔn animtiaa nso anya anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 “Awurade Honhom wɔ me so, na wɔayi me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu sɛ, wɔbɛnya ahofadie, na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo; wasoma me sɛ memmɛka ogye menkyerɛ nnommum ne adehu menkyerɛ anifuraefo, na memmrɛ wɔn a wɔapɛtɛw wɔn no fawohodi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 4:18
56 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


sɛ w’akoma ayɛ bɛtɛbɛtɛ, na woabrɛ wo ho ase Nyankopɔn anim, ɛberɛ a wotee ne nsɛm, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, na woabrɛ wo ho ase m’anim asunsuane wo ntadeɛ mu, asu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.


sɛ ɔbɛtie apokyerɛfoɔ apinisie, na wasane owuo mma,


Ɔsa wɔn a wɔn akoma abubuo yadeɛ, na ɔkyekyere wɔn akuro.


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


AWURADE bɛn wɔn a wɔn akoma abubuo, na ɔgye wɔn a wɔn honhom apɛkyɛ.


Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.


Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo; Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ.


Na wɔremfira adehunufoɔ ani, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛbue;


Ɛno na anifirafoɔ ani bɛbue, na asotifoɔ aso abue;


sɛ: Bue ani a afira, yi apokyerɛfoɔ firi afiase ne wɔn a wɔtete sum mu firi nneduadan mu.


Me na mama ne so tenenee mu, na mɛtenetene n’akwan nyinaa; ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro, na ɔbɛgya m’atukɔfoɔ kwan a ɔrennye tiriadeɛ anaa akyɛdeɛ biara, asafo AWURADE na ɔka.


na ka kyerɛ nneduafoɔ sɛ: Momfiri adi! ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mompue! Akwan so na wɔbɛdidie, na mpampa pataa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea;


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Na me deɛ, yei ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ɔseɛ: Me honhom a ɛwɔ wo soɔ no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anomu no, ɛremfiri w’anomu ne w’asefoɔ anomu ne w’asefoɔ asefoɔ anomu, AWURADE na ɔseɛ, ɛfiri sesɛɛ de bɛkɔ akɔsi daa.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.


na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.


Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato AWURADE din no so.


Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no.


Na mo a mosuro me din no, tenenee owia bɛpue ama mo a ayaresa wɔ ne ntaban aseɛ, na mobɛfiri adi ahurihuri sɛ anantwiburuwa a wɔadidi adɔ,


Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Hwɛ, m’abɔfra a mayi no, deɛ medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me Honhom bɛgu ne so, na waka atɛntenenee akyerɛ Amanaman mufoɔ.


mmɛwa a abuka no, ɔremmu mu, na ntomaban a ɛfiri wisie nso, ɔrennum de akɔsi sɛ ɔde atɛntenenee bɛkɔ nkonimdie mu.


ɔman a wɔte sum mu no hunuu hann kɛseɛ bi na wɔn a wɔte owuo asase soɔ ne ne sunsum mu no, hann bi apue ama wɔn.


Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.


Na wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa; na ɔtrɛɛ nwoma no mu hunuu faako a wɔatwerɛ sɛ:


Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ no kaa sɛ: Nhyira ne mo ahiafoɔ, na Nyankopɔn ahennie no yɛ mo dea.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka deɛ moahunu ne deɛ moateɛ nkyerɛ Yohane sɛ: Anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafoɔ;


Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no.


Maba wiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.


Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atitire hyia faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo no.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


sɛ wayi yɛn afiri sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahennie mu.


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan