Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 3:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra n’aporeeɛ hɔ fitaa, na waboaboa ayuo no ano agu ne san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra n’aporeeɛ hɔ fitaa, na waboaboa ayuo no ano agu ne san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa awi no ano agu ne san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde gya a ennum da bɛhyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 3:17
9 Iomraidhean Croise  

Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa, na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.


na anantwie ne mfunumu mma a wɔyɛ mfuo mu adwuma no bɛdi afrafraduane pa a wɔde apampaa ne apaawa ahu soɔ.


Na mede nhusoɔ apaawa mahu wɔn so, asase no mmoboano, makunkum wɔn mma, masɛe me man a wɔansane amfiri wɔn akwan soɔ no.


Na wɔn deɛ, wɔnnim AWURADE adwene na wɔnhunu n’agyinatuo mu; sɛ waboaboa wɔn ano sɛ ayuporebea afiafi.


Momma ne mmienu no nyinaa nyini nkɔsi twa berɛ, na twa berɛ no mu mɛka makyerɛ twafoɔ no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kane, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhye, na ayuo no deɛ mommoaboa ano nkɔgu me san so!


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


Na nnoɔma pii nso ka ho a ɔde tuu ɔman no fo kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan