Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 24:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Obisaa wɔn se, “Nsɛm bɛn?” Wobuaa no se, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛe ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Nsɛm bɛn?” Wɔbuaa no sɛ, “Nsɛm a ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi wɔ nneyɛeɛ ne ɔkasa mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na obisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wosee no sɛ: Nea ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifo a ɔwɔ tumi, nneyɛe ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 24:19
13 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.


Na wɔn mu baako a wɔfrɛ no Kleopa buaa no sɛ: Wo nko ne hɔhoɔ wɔ Yerusalem a wonnim nsɛm a asi hɔ nnansa yi anaa?


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.


Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!


Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfoɔ nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛɛ mu.


Odiyifoɔ a ɔfiri wo mu a ɔfiri wo nuanom mu te sɛ me na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma no so ama woɔ, ɔno na montie no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan