Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 23:43 - New Revised Asante Twi Bible

43 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

43 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Yesu buaa no sɛ, “Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

43 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokware mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 23:43
22 Iomraidhean Croise  

Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumuyɛ so. Mekaa sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Wo na wode me bɔne so mmusuo kyɛeɛ.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.


Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ;


Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera.


Na ɔkaa sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me!


Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ.


Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m’animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Na yɛwɔ saa awerɛhyɛmu yi, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yɛbɛfiri nipadua mu fie ha akɔtena efie wɔ Awurade nkyɛn.


Na mehini nnoɔma mmienu yi ntam. Anka mepɛ sɛ metu ha na me ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ ɛno mmom na ɛyɛ pa ara;


Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan