Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 23:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanin ne nnipadɔm no sɛ, “Menhunu asɛm biara a mɛgyina so abu onipa yi fɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Minhu afobusɛm biara onipa yi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 23:4
13 Iomraidhean Croise  

Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.


Na Pilato bisaa wɔn sɛ: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteaa mu dendeenden sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.


Na ɔkaa deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhunu adeɛ biara a wayɛ a ɛfata sɛ wɔku no, enti mɛhwe no, na magyaa no.


Pilato see no sɛ: Ɛdeɛn ne nokorɛ? Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.


Mahunu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ wuo, nanso ɔno ara de asɛm no akɔdane Ɔhempɔn nti, mahyɛ sɛ mɛma wɔde no akɔ hɔ.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.


Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhunu nnaadaa n’anomu.


Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Wɔkumm no honam mu, na wɔmaa no tenaa ase honhom mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan