Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 23:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na Yesu kaa sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ! Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Na Yesu kaa sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wɔnnim deɛ wɔreyɛ! Na wɔtwee ntonto de kyɛɛ ne ntoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Yesu kaa sɛ, “Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Na Yesu kae sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wonnim nea wɔreyɛ! Na wɔtweee ntonto de kyɛɛ ne ntama mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 23:34
26 Iomraidhean Croise  

Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumuyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w’agya Nyankopɔn nkoa amumuyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ Yosef no, ɔsui.


Wɔkyɛ me ntoma mu fa, na m’atadeɛ so na wɔbɔ ntonto.


Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.


Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Aane, Agya, saa na ɛyɛ anisɔ w’anim.


Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no;


Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntadeɛ mu twee so ntonto, hwehwɛɛ deɛ ɛbɛyɛ obiara deɛ.


sɛ: Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ.


Me deɛ, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea.


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Na Paulo de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha.


Na afei, anuanom, menim sɛ nim a monnim nti na moyɛeɛ, sɛ mo mpanimfoɔ ara.


Na ɔkotoo ne nan anim de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa yei no, ɔkaa n’ani guu so.


Monhyira wɔn a wɔtaa mo, monhyira, na monnnome!


Deɛ wiase yi atumfoɔ mu biara anhunu, na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔammɔ animuonyam Wura no asɛnnua mu,


na yɛbrɛ de yɛn ara yɛn nsa yɛ adwuma. Wɔya yɛn a, yɛhyira, wɔtaa yɛn a, yɛpene so,


Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu.


Mommfa bɔne nntua bɔne ka, nso mommfa ɔyɛ nntua ɔyɛ ka; na mmom monhyira, ɛfiri sɛ yei mu na wɔafrɛ mo, sɛ mommɛgye nhyira.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan