Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 23:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔfirii aseɛ totoo nʼano sɛ, “Saa onipa yi tu nkurɔfoɔ aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfoɔ tua toɔ ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 23:2
33 Iomraidhean Croise  

Na Ahab hunuu Elia no, Ahab bisaa no sɛ: Wo a woha Israel no, wo nie?


Adansefoɔ nkontompofoɔ sɔre; adeɛ a mennim na wɔbisa me.


Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wɔbɛtu no so. Wɔpɛ atorɔdie, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu deɛ, wɔdome.


Na mate nnipa pii nsekudie, ehu wɔ afa nyinaa, wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyegye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so.


Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma wɔnkum ɔbarima yi ɛ, ɛfiri sɛ ɔde sei rema akofoɔ a wɔaka kuro yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agogo, sɛ ɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn; na ɔbarima yi nyɛ deɛ ɔhwehwɛ asomdwoeɛ de ma ɔman yi, na mmom bɔne.


Ɛnna Betel sɔfoɔ Amasia soma maa wɔkɔɔ Israelhene Yeroboam nkyɛn sɛ: Amos apam wo tiri so, Israel fie mfimfini, ne nsɛm no nyinaa rensene asase yi so.


Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu.


Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.


Wɔse: Kaesare dea. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!


Na Yesu bɛgyinaa amrado no anim. Na amrado no bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu kaa sɛ: Wo na woaka.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare, na momfa Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn! Na ne ho yɛɛ wɔn nwanwa.


Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka.


ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ ne mu mo anim, na manhunu nsɛm a mode totoo n’anomu afobusɛm biara onipa yi mu.


Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.


Ɛnna Pilato firii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia saa onipa yi?


Wɔbua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.


Ɛfiri hɔ no, Pilato hwehwɛɛ sɛ ɔgyaa no; na Yudafoɔ no teaa mu sɛ: Sɛ wogyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare.


nanso wɔrentumi nkyerɛ me nnoɔma a enti wɔretoto m’ano yi ase.


Yɛahunu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufoɔ a ɔde mansotwe ba Yudafoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.


Montua obiara deɛ ɛsɛ no! Monyi ɛtoɔ ahodoɔ nyinaa mma deɛ ɛtoɔ sɛ no, monsuro deɛ suro sɛ no, monni deɛ anidie sɛ no ni.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan