Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 22:61 - New Revised Asante Twi Bible

61 Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

61 Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

61 Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

61 Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

61 Na Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 22:61
19 Iomraidhean Croise  

na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea deɛ ɛtene no, nanso ɔne me anni no sɛdeɛ ɛfata me.


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.


Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.


Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfiri adi kɔsuu yayaaya.


Na ntɛm ara Yesu hunuu ne mu sɛ ahoɔden bi afiri ne mu, na ɔdanee ne ho nkurɔfokuo no mu kaa sɛ: Hwan na ɔde ne ho kaa m’atadeɛ?


Na Awurade bua see no sɛ: Marta, Marta, wodwendwene, na woha wo ho nnoɔma pii ho;


Na ɔse: Petro, meka mekyerɛ wo, ɛnnɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woasane mprɛnsa sɛ wonnim me.


Na Petro se: Barima, mennim deɛ woreka yi. Na amonom hɔ ara a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee.


Na Petro firii adi kɔsuu yayaaya.


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


Na Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?


Yesu buaa no sɛ: Wode wo nkwa bɛto hɔ ama me anaa? Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Enti monkae sɛ, mo a anka kane no moyɛ amanaman mufoɔ honam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa honam mu no frɛ mo momonoto no,


Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ, na sakyera w’adwene, na yɛ kane nnwuma no! Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabɛyi wo kaneadua mafiri ne siberɛ, gye sɛ wosakyera w’adwene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan