Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 22:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asafohene no kɔkasa kyerɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asafohene no kɔkasa kyerɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yuda kɔɔ asɔfoɔ mpanin ne Asɔredan no mu awɛmfoɔ mpanin nkyɛn ne wɔn kɔsusuu ɛkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔne asɔfo mpanyin ne asafohene no kɔkasae kyerɛe sɛnea ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 22:4
9 Iomraidhean Croise  

ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Nyankopɔn fie bapɔmma;


Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub ba a ɔyɛ Nyankopɔn fie panin;


Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn


Na ɛyɛɛ wɔn anigyeɛ, na wɔne no hyehyɛɛ sɛ wɔbɛma no sika bi.


Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie asafohene ne mpanimfoɔ a wɔbaa ne soɔ no sɛ: Mobaa sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ soɔ na mokura nkrantɛ ne mmaa yi?


Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn so.


Na asɔrefie safohene ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ, yei bɛyɛ deɛn nie?


Ɛnna ɔsafohene ne asomfoɔ no firi hɔ kɔ kɔfaa wɔn baeɛ, ɛnyɛ anibereɛ so, ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no sɛ anyɛ a wɔbɛsi wɔn aboɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan