Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 22:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 na moadidi na moanom me pono so wɔ m’ahennie mu, na moatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 na moadidi na moanom me pono so wɔ m’ahennie mu, na moatena nhennwa so abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatena nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 22:30
16 Iomraidhean Croise  

Na m’agya fie nyinaa nsɛ hwee sɛ owuo mma ma me wura ɔhene, nanso wode wo somfoɔ sii wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu, enti kwan bɛn na mewɔ bio, nso ɛdeɛn na mede bɛsu afrɛ ɔhene bio?


Wɔboa Asamando sɛ nnwan; Owuo hwɛ wɔn so, na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa, na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.


Na Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo a moabɛdi m’akyire yi, wiase foforɔ no mu no, ɛda a Onipa Ba no bɛtena n’animuonyam ahennwa soɔ no, mo nso mobɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu no atɛn.


Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.


Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu;


Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama wɔatena adidiiɛ, na waba abɛsom wɔn.


Na wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako tee saa no, ɔsee no sɛ: Nhyira ne deɛ ɔbɛdidi Nyankopɔn ahennie mu!


Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Na nhennwa aduonu nan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu mpanimfoɔ aduonu nan sɛ wɔtete nhennwa no so hyehyɛ ntadeɛ fitaa na sika abotire bobɔ wɔn ti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan