Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 22:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Nyankopɔn ahennie no bɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Nyankopɔn ahennie no bɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa yi bi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Onyankopɔn ahenni no bɛba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 22:18
22 Iomraidhean Croise  

Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma.


Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ, meretete me kurobo ne m’aduhwam, meredi me woɔkyɛm ne me woɔ, merenom me nsa ne me nufosuo. Nnamfonom, monnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.


Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.


Na ahemfo no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahennie a wɔrensɛe no da, na wɔrennya n’ahennie mma ɔman foforɔ bi so, na ɛbɛbubu ahennie ahodoɔ no nyinaa ama no asa, na ɛno deɛ, ɛbɛgyina daa.


Asafo AWURADE bɛwa wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ntɔmmoɔ mu aboɔ so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ koraa, sɛ afɔrebukyia ntweaso.


Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.


Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.


Na mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ merennom bobe yi bi bio, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ m’agya ahennie mu.


Na ɔfaa kuruwa no daa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nomm bi.


Nokorɛ mese mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio de bɛkɔ akɔsi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie no mu.


Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhwam afra mu, nanso wannom.


Na ɔsee wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ wɔn a wɔgyina ha yi binom wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ, de bɛkɔ akɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie no sɛ ɛde tumi aba.


Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom reba a, monhunu sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn.


Na mese mo sɛ, merenni bi bio, gye da a aba mu Nyankopɔn ahennie mu.


Na nokorɛ mese mo sɛ: Wɔn a wɔgyina ha yi mu binom wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn ahennie ansa.


sɛ wayi yɛn afiri sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahennie mu.


Na bobe ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me nsa a ɛgye anyame ne nnipa ani no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan