Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 21:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so, na abufuo bɛda ɔman yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so, na abufuo bɛda ɔman yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue. Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue. Amanehunu a ɛnni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuhyeɛ nso aba nnipa no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue! Na ahohia kɛse bɛba asase no so, na abufuw bɛda ɔman yi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 21:23
18 Iomraidhean Croise  

Mmaa a wɔn yam hyehye wɔn de wɔn nsa noaa wɔn ara wɔn yafumma; wɔde wɔn yɛɛ aduane, me man babaa sɛeɛ no mu.


Na ɔse: Hwɛ, merema woahunu deɛ ɛbɛba abohuro no akyiri berɛ mu, na ɛfa awieeɛ berɛ a wɔahyɛ no ho.


na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofoɔ foforɔ a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne berɛ mu.


Na deɛ ɔbɛhwe ɔboɔ yi soɔ no, ne mu bɛbubu, na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no ɛbɛpɛkyɛ no.


Na wɔn a wɔafa afuro, ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!


Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo bɛbɔ wo ho pie, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara,


Na hwɛ, nna bi reba a wɔbɛka sɛ: Nhyira ne abonini ne yafunu a ɛnwoo da ne nufoɔ a wɔnnum da.


Na afei, mesusu sɛ deɛ ɛyɛ ne sɛ: Seesei ahohia yi nti, ɛyɛ ma onipa sɛ ɔtena hɔ saa.


Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie.


Na yieyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa soɔ, ɛfiri sɛ saa afɔrebɔ no sɔ Nyankopɔn ani.


Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena!


Na ɛberɛ no aduru sɛ atemmuo firi aseɛ Nyankopɔn fie. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie wɔn a wɔntie Nyankopɔn asɛmpa no sɛn?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan