Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 21:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Mo boasetɔ mu na mobɛnya mo kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Mo boasetɔ mu na mobɛnya mo kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Na sɛ motumi gyina pintinn a, mobɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 21:19
26 Iomraidhean Croise  

Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nha wo ho, deɛ ne kwan asi no yie no nti, onipa a ɔdi ne bo soɔ no nti.


Twɛn na metwɛnee AWURADE, na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ.


Metee na me yafunum popoe, m’ano saa biribiri, ɛnne no ho; ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.


Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo; na deɛ ɔbɛgyina ano akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.


Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no.


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.


Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba,


na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba.


Na sɛ yɛn ani da deɛ yɛnhunu so a, yɛde boasetɔ twɛn.


na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Na Awurade mma monhunu Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.


Na boasetɔ hia mo, na sɛ mowie deɛ Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.


Na yɛyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmaako mmaako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidasoɔ a akyinnyeɛ nni mu koraa mu de kɔduru awieeɛ,


Na ɔtoo ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.


na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma.


Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara.


na anidahɔ nka nimdeɛ ho, na boasetɔ nka anidahɔ ho,


Me, Yohane a meyɛ mo nua ne Yesu ahohia ne ahennie ne boasetɔ no mu yɔnkoɔ no, ɛsiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti, mewɔ supɔ a wɔfrɛ no Patmo no so.


Sɛ obi fa nnommum a, wɔbɛfa no dommum. Sɛ obi de nkrantɛ kum a, ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no. Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ.


Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ wɔ, wɔn a wɔkura Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Yesu gyidie mu no.


Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan